Psalms 143

Mmoa mpaebɔ

1 Awurade, tie me mpaebɔ!
Wo trenee mu, tie mʼadesrɛ.
Gye me so wɔ wo nokware turodoo mu!
2Nsɔ me, wʼakoa, nhwɛ!
Obiara nyɛ pɛ wʼanim.
3Me tamfo apɛ me anya me na wadi me so koraa.
Ɔde me ato afiase sum mu na mayɛ sɛ wɔn a wowuwui dedaadaw no.
4Ɛno nti, mereyɛ apa abaw.
Mʼaba mu abu.
5Mekae mmere a atwam no; midwen nea woayɛ nyinaa.
Mekae wo nnwuma nyinaa.
6Mepagyaw me nsa kyerɛ wo so wɔ mpaebɔ mu; wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.
7 Awurade, bua me mprempren ara!
Mʼanidaso asa.
Mfa wo ho nhintaw me anyɛ saa a, mɛfra nsamanfo mu.
8Daa anɔpa, kae me wo dɔ a wodɔ me no efisɛ, mede me ho to wo so.
Me mpaebɔ ba wo nkyɛn.
Kyerɛ me kwan a memfa so.
9 Awurade, mekɔ wo nkyɛn kɔpɛ hintabea, gye me fi mʼatamfo nsam.
10Woyɛ me Nyankopɔn; kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde.
Hwɛ me yiye na kyerɛ me kwan pa a memfa so.
11Gye me,
Awurade, sɛnea woahyɛ me bɔ no; fa wo papayɛ so gye me fi ɔhaw mu!
12Esiane ɔdɔ a wodɔ me nti, kum mʼatamfo na sɛe wɔn a wɔhyɛ me so nyinaa efisɛ, meyɛ wo somfo.
Copyright information for TwiNAK